Psalms 128

Ɔsoroforo dwom.


1 Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,
na wɔnantew nʼakwan so.

2 Wubedi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.

3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba
wɔ wo fi;
na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi
atwa wo pon ho ahyia.

4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira
onipa a osuro Awurade no.


5 Awurade nhyira wo mfi Sion
na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;
wo nkwanna nyinaa.

6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.
Asomdwoe nka Israel.
Copyright information for TwiAKNA